Mary - Sarkodie

Mary - Sarkodie

Альбом
Mary
Год
2015
Язык
`maori`
Длительность
261040

Abaixo está a letra da música Mary , artista - Sarkodie com tradução

Letra da música " Mary "

Texto original com tradução

Mary

Sarkodie

Dabia na wohwɛ m’anim a na me yam

Na mennim sɛ ɔdɔ nti

Nea atete ama y’apenpam

Kuntu hwane kɔ n’akyi a yɛn nkyi

Akyekyere ɔde bɔkɔɔ na ɛbɛkɔ

Na onim sɛ ɔnka akwantinfi

Nti meserɛ fa wo ntoma bɔ me dea ano

Na yɛn bɔ ampesie kakra na yɛn di

Adutwumwaa wo hwene yɛ me fɛ

Wofe mano a na megyimi abɛtɛ

Gyegye me so na wonim sɛ wonkoa na mepɛ

Mehyɛase pɛɛ wo akyɛ ɛnyɛ nnɛ

Woyɛ makoma mu hemaa ee

Ataa Naa Nyɔnmɔ ee

Ɔdɔ makoma nyinaa wɔ wo nkoa

Adwendwene ne adwodwoo nkoa

Awerɛhoɔ ne atetee nkoa

Ɔdɔ makoma nyinaa wɔ wo nkoa

Adwendwene ne adwodwoo nkoa ee

Awerɛhoɔ ne atetee nkoa

Ɔdɔ makoma nyinaa wɔ wo nkoa

Huh

What else, mo bɔ me horns

Ok ɔte m’ase, mete n’ase

Wei makye, ɔdɔ mu tatahwe

Ahomakye na towel no bɔ n’ase

Mese ɔdɔ bra, ɔse mewura mate

Onim yɛ, nkɔmmɔ dɛ

Ne ho nti me mpɛ maa, yɛse meyɛ homose…

Meto m’ani a mehu ɔno pɛ

Meho maa pii nso ɔno na mesee no pɛ

Baby you know, that you’re the one

Wodɔ no afa me, akye meho sɛ harmattan

M’ato no Cinderella na w’ato me Peter Pan

Nea wohia no kura me

Meyɛ ɔdɔ mu Afari Gyan

Sisi ne ahweneɛ, ɛfata wo

Wohyia me no na foosu bi na ɛhyɛ me

Na menni baw

Nti sɛ nnɛ w’ate m’ase a, mentumi mmɛ haw

Ɔdɔ safoa no kura wo

M’adukro mu nsuo akɔnɔakɔnɔ

Maabena agya mehɔ ama mayɛ mmɔbɔmmɔbɔ

June July nsuo kɛseɛ bi nya a anka ɛbɛtɔ

W’anitua ne nyinaa na wagya me hɔ kɔ

Nti wogyedi sɛ m’atumi atena hɔ

Adi sugya akɔpem dabɛn nie

Maabenaa sɛ w’afe me a sɔreɛ

Kɔpɛ ntoma sini bi na yɛn pue

Ɔdɔ dɔ me, dɔ me

Ɔdɔ dɔ me, w’anyiwama na okum oo

Ɔdɔ dɔ me, dɔ me

Ɔdɔ dɔ me, w’anyiwama na okum oo

Makoma mede bɛma ɔdɔ, mede bɛkyɛ ɔdɔ

Mede bɛma ɔdɔ W’anyiwama na okum oo

Makoma mede bɛma ɔdɔ, mede bɛkyɛ ɔdɔ

Mede bɛma ɔdɔ W’anyiwama na okum oo

Menko medeɛ ee

Ɔdɔ m’akoma nyinaa wɔ wo nkoa

Deɛ ɔbɛka biara mente yɛ oo me my dear

Ɔdɔ m’akoma nyinaa wɔ wo nkoa

Hm hm, mara me broni ee

Ɔdɔ m’akoma yi nyinaa w0 wo nkoa

Ebei, Sark wo ndze dɛɛ pipe organ

Me broni ee

Ɔdɔ m’akoma nyinaa wɔ wo nkoa

Woyɛ ahomka oo bra oo bra oo bra oo

Ɔdɔ m’akoma nyinaa wɔ wo nkoa

Ɔdɔyɛwu ee bɛfew m’ano na mafe wo oo

Ɔdɔ m’akoma nyinaa wɔ wo nkoa

Mais de 2 milhões de letras

Músicas em diferentes idiomas

Traduções

Traduções de alta qualidade para todos os idiomas

Busca rápida

Encontre os textos que você precisa em segundos